Download this track from Joe Beecham titled Oye. Joe Beecham is a Ghanaian gospel singer, songwriter, choir master and a pastor at the Holy Fire Ministries in Takoradi.
Use the link below to stream and download the song
Lyrics Of Oye by Joe Beecham
Ɛyɛ mepɛdɛ me san m’akyi Mekɔsesa ndzema bi Mmrɛ mma ho kwan ma menkɔ m’akyiri Adze bi ndɛdɛ meyɛ Asɛm bi ɛda no mekae Ɛyɛ a na mekra pɛdɛ ɔkaekae me Ɔde me mfeɛda repo me
Ɔduru mmrɛ bi na mewerɛ afiri dɛ Ɔbra akansi nso ka ho Biribi ara m’afa mu no m’ahunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma me kra Ɔduru mmrɛ bi a na mewerɛ afiri dɛ Ɔbra akansi ka ho Biribi ara m’afa mu no m’ahunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma me kra
Ɛyɛ a mepɛ dɛ mefa baabi Mekɔ hwehwɛ me hyɛbrɛ mu Nyamesɛm mma ho kwan ma menfa baabi ara Sɛ metena ne nnan ase Na meyɛ me Wura no pɛ a Biribi ara nni hɔ Onyame ntumi nyɛ Ɔnim me ansa na ɔrewo me
Ɔduru mmrɛ bi a na wowerɛ afiri dɛ Ɔbra akansi nso ka ho Biribi ara afa mu no kae hunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma wo kra Ɔduru mmrɛ bi na wowerɛ afiri dɛ Ɔbra akansi nso ka ho Biribi ara afa mu no kae hunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma wo kra
Saa na Nyame wɔ ndzema pii ma me Saa na Nyame w’ahyehyɛ me bra nyinaa ara Biribi ara m’afa mu no m’ahunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma me kra Saa na Nyame wɔ ndzema pii ma me Saa na Nyame w’ahyehyɛ me bra nyinaa ara Biribi ara m’afa mu no m’ahunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma me kra
Enti onuadɔfoɔ, fa wowerɛ hyɛ ne mu Na Onyame ye (Oye oye oye oye oye oye oye) Me yɔnko ma wowerɛ nhyɛ ne mu Oye (Oye oye oye oye oye oye oye) Ogyidzini, fa wowerɛ hyɛ ne mu Na oye (oye oye oye oye oye oye oye) Gyenhyɛkan ma wowerɛ nhyɛ no mu Na oye (oye oye oye oye oye oye oye) Biribi ara afa mu no kae hunu dɛ Ne nyinaa yɛ ma wo kra
Hwɛ abrɛ a meyɛ abɔfra no Sɛ obi bisa me dɛ Ɛbɛn adze na ɛpɛ dɛ ɛyɛ a Ɛyɛ a mese Meyɛ tikya Ɛyɛ a mese Meyɛ dɔkta Na ma meteyi nnɛ biara ɔyɛ adom Nyame ne pɛ nnyɛ hɔ
Meyɛ abɔfra na mennim dɛ Nyame w’ahyehyɛ me bra nyinaa Menyini kakra yi na m’ahunu dɛ Nyame ye ma me kra Meyɛ abɔfra na mennim dɛ Nyame w’ahyehyɛ me bra nyinaa Menyini kakra yi na m’ahunu dɛ Nyame ye ma me kra